ConfidenceManuelLyrics Please subscribe for more👍🔔
KOJO ANTWI - Brebre Anowa - Lyrics
Intro
Woooooooow
Mede ne din bɛto nnwom akyerɛ aman
Mede ne din bɛto nnwom akyerɛ aman oo
Mewɔ sika a, anka mɛtɔ sika kɔkɔɔ mpaboa ama n'anante mu oo.
Mewɔ sika a, anka mɛsi dan ama no ada mu oo.
Afa mmaawa a, mmaawa bebree ama wɔn asom no ooo
Maame Adwoa. oh oh
Ɛno Adwoa.oh oh
Ɛnyɛ obi'a ɔyem a wo ma ne ba nkwa oo
Ɛnyɛ obi'a oo na ɔyem a, ɔwo ma ne ba nkwa oo
W'ayem me wɔ anigye mu awo me ama m'ayini a
Ɛna ee, menni hwee oo
M'ayɛ ɔnwomtofoɔ. Deɛ mewɔ a ne mpaebɔ
Ɛnti da biara mpaeɛ a mebɔ a ne sɛ
Chorus
Bre bre Anowa
Agya Onyame nhyira wo oo
Bre bre Anowa
Ɔnto wo nkwa mu mma wo oo
Bre bre Anowa
Agya Onyame nhyira wo oo
Bre bre Anowa
Maame ee wo dwom nie oo
Instrumentals
woooooooow
Mede ne din bɛyɛ dede akyerɛ aman
Akyerɛ wɔn sɛ, mete ne so a masɔre aah
Mewɔ sika a, anka mɛtɔ hyɛn ama n'ada mu oo
Mewɔ ahoɔden a, anka mɛsi abansoro ama n'ada mu oo
Afa mmaawa, mmaawa bebree ama wɔn asom no ooo
Papa Asiamah, oh oh
Agya Asiamah.
Ɛnyɛ obi'a ɔwo de ne sunsum pa bɔ ne ba ho ban oo
Ɛnyɛ obi'a oo na ɔwo de ne sunsum pa bɔ ne ba ho ban oo
W'ayem me abɔ me ho ban ama m'anyini a
Papa eei menni hwee oo
M'ayɛ ɔnwomtofoɔ. Deɛ mewɔ a ne mpaebɔ
Ɛnti da biara mpaeɛ a mebɔ a ne sɛ
Chorus
Bre bre Papa
Agya Nyame nhyira wo oo
Bre bre Agya
Ɔnto wo nkwa mu mma wo oo
Bre bre Papa
Agya Nyame nhyira wo oo
Bre bre Agya
Papa eei wo dwom nie oo
Ska do bi do bi ree
Ski bi do bi eh eh
Ski bi da bi eh eh
Skadobidobu
Ɛdwom a meto yi
(Bre bre Anowa ee)
Meto ma yɛn maamenom a wɔnom nyinsɛn yɛn abosome nkron de woo yɛn
Nhyira nka mo
(Bre bre Anowa ee)
Agyanom nso a mode mo sunsum bɔɔ yɛn ban nso
(Bre bre Anowa ee)
Nnaseɛ nyɛ mo dea
(Bre bre Anowa ee)
Wo a, woanya yafunu anwo bi no nso
(Bre bre Anowa ee)
Yɛsrɛ Nyame sɛ Ɔmma ne nyɛ wo a
(Bre bre Anowa ee)
Wo wo woooooooow
Chorus
Bre bre Anowa
Agya Onyame nhyira wo oo
Bre bre Anowa
Ɔnto wo nkwa mu mma wo oo
Bre bre Anowa
Agya Nyame nhyira wo oo
Bre bre Anowa
Bre bre Papa
Agya Onyame nhyira wo oo
Bre bre Agya
Ɔnto wo nkwa mu mma wo oo
Bre bre M'adɔfo ee
Meto ɛnwom wei ma mo oo
Bre bre Anowaa
Bre bre Anowa
Bre bre Anowa
Bre bre Anowa. Yee ye ye ye
Bre bre Anowa
woooooooow
![](https://i.ytimg.com/vi/-JTVEpWB3tM/maxresdefault.jpg)